Numbers 29:36 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mommɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ. Awurade ani sɔ saa afɔdeɛ no. Momfa nantwie ba baako, odwennini baako, nnwammaanini a wɔadi afe a wɔnnii dɛm nson mmɔ afɔdeɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na momfa hyeɛ afɔdeɛ a ɛne ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam mmrɛ AWURADE: Nantwinini baako, odwennini baako, nnwanten mma a wɔadi afe afe nson a wɔdi mu;
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na momfa hyeɛ afɔdeɛ a ɛne ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam mmrɛ AWURADE: Nantwinini baako, odwennini baako, nnwanten mma a wɔadi afe afe nson a wɔdi mu;
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na momfa ɔhyew afɔre, ogya afɔre a eyi hua huamhuam mmrɛ AWURADE: nantwinini biako, odwennini biako, nguanten mma a wɔadi afe afe ason a wodi mu;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mommɔ aduan afɔre a ɔhyew afɔre a ɛwɔ hua a ɛsɔ Awurade ani wɔ mu. Momfa nantwinini baako, Odwennini baako, nguantenmma ason a wɔadi afe a wonnii dɛm mmɔ.