Numbers 29:39 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Sɛ mohyia didi afirinhyia no mu a, twa ara na ɛtwa sɛ mobɔ saa afɔdeɛ yi ma Awurade. Na ɛka mo afɔrebɔ a mobɔ fa ɛbɔ a moahyɛ anaa deɛ ɛfiri mo pɛ mu a ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, atokoɔ afɔdeɛ, nsã afɔdeɛ anaa asomdwoeɛ afɔdeɛ no ho.’ ”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Yeinom na monyɛ mma AWURADE, mo afa a mohyɛ no mu; ɛsono mo bɔhyɛ adeɛ ne mo ayamyi afɔdeɛ, mo hyeɛ afɔdeɛ ne mo aduane afɔdeɛ ne mo ahwiesa ne mo asomdwoeɛ afɔdeɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Yeinom na monyɛ mma AWURADE, mo afa a mohyɛ no mu; ɛsono mo bɔhyɛ adeɛ ne mo ayamyi afɔdeɛ, mo hyeɛ afɔdeɛ ne mo aduane afɔdeɛ ne mo ahwiesa ne mo asomdwoeɛ afɔdeɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Eyinom na monyɛ mma AWURADE, mo fa a mohyɛ no mu, ɛsono mo bɔhyɛ ade ne mo ayamye afɔre, mo hyew afɔre ne mo aduan afɔre ne mo ahwiesa ne mo asomdwoe afɔre.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Mommɔ afɔre yinom mma mo Awurade wɔ mo afahyɛ ahorow no nu: mo hyew, atoko, nsa ne asomdwoe afɔre no; na momfa nka afɔre a mufi mo pɛ mu hyɛ ho bɔ no no ho. Muhyia, didi afirihyia no mu a, twa ara na etwa sɛ mobɔ saa afɔre yi. Na ɛka mo afɔre a mobɔ fa bɔ a moahyɛ anaa nea efi mo pɛ mu a ɛyɛ ɔhyew afɔre, atoko afɔre, nsa afɔre anaa asomdwoe afɔre no ho.’ ”