Numbers 29:9 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Fa nantwie ba no siesie atokoɔ afɔdeɛ a mode asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu ne ngo lita nsia ne fa afra.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
ne ɛho aduane afɔdeɛ esiam a wɔde ngo afɔre abupɛn du mu mmiɛnsa nka nantwinini no ho, abupɛn du mu mmienu nka odwennini no ho,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
ne ɛho aduane afɔdeɛ esiam a wɔde ngo afɔre abupɛn du mu mmiɛnsa nka nantwinini no ho, abupɛn du mu mmienu nka odwennini no ho,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
ne ɛho aduan afɔre: asikresam a wɔde ngo afɔtɔw abupɛn du mu abiɛsa nka nantwinini no ho, abupɛn du mu abien nka odwennini no ho,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Momfa nantwi ba no nsiesie atoko afɔre a mode asikresiam a wɔayam no muhumuhu ne ngo lita asia ne fa afra,