Numbers 3:41 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Lewifoɔ no bɛyɛ me dea. Ma wɔnsi Israelfoɔ mmakan nyinaa anan mu, na Lewifoɔ nyɛmmoa mmakan nsi Israelfoɔ nyɛmmoa mmakan anan mu. Mene Awurade.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na fa Lewifoɔ no ma me — mene AWURADE — fa wɔn si Israelfoɔ mu mmakan nyinaa ananmu, ne Lewifoɔ afieboa, si Israelfoɔ no afieboa mmakan nyinaa ananmu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na fa Lewifoɔ no ma me — mene AWURADE — fa wɔn si Israelfoɔ mu mmakan nyinaa ananmu, ne Lewifoɔ afieboa si Israelfoɔ no afieboa mmakan nyinaa ananmu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na fa Lewifo ma me, mene AWURADE fa si Israelfo mu mmakan nyinaa ananmu, ne Lewifo afieboa, si Israelfo afieboa mmakan nyinaa ananmu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Lewifo no bɛyɛ me de. Ma wonsi Israelfo mmakan nyinaa anan mu, na Lewifo nyɛmmoa mmakan nsi Israelfo nyɛmmoa mmakan anan mu. Mene Awurade.”