Numbers 31:19 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Afei, momfiri atenaeɛ ha nkɔtena baabi nnanson, ɛfiri sɛ, mo nyinaa moakum nnipa anaa mode mo nsa aka efunu. Monnwira mo ho ne mo nneduafoɔ ne nnansa ne ne nnanson so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na mo ara nso, mommɔ nsraban ntena mu nsraban no akyi nnanson; mo mu biara a wakum obie ne obiara a waka ɔtɔfoɔ no, monnwira mo ho da a ɛtɔ so mmiɛnsa ne da a ɛtɔ so nson no, mo ne mo nnommum no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na mo ara nso, mommɔ nsraban ntena mu nsraban no akyi nnanson; mo mu biara a wakum obie ne obiara a waka ɔtɔfoɔ no, monnwira mo ho da a ɛtɔ so mmiɛnsa ne da a ɛtɔ so nson no, mo ne mo nnommum no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na mo ankasa nso, mommɔ nsra ntena mu nsra no akyi nnanson; mo mu biara a wakum obi ne obiara a waka ɔtɔfo no, munnwira mo ho da a ɛto so abiɛsa ne da a ɛto so ason no, mo ne mo nnommum no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Ɛsɛ sɛ obiara a wakum obi, anaa ɔde ne nsa kaa nea wɔakum no no, fi atenae ha nkɔtena baabi nnanson. Munnwira mo ho ne mo nnommum no nnansa ne ne nnanson so.