Numbers 31:20 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Monkae na monnwira mo ntadeɛ ne biribiara a wɔde aboa nwoma, abirekyie nwi anaa dua ayɛ.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na atadeɛ biara ne nwoma adeɛ biara ne adeɛ a wɔde abirekyie nwi ayɛ nyinaa ne dua adeɛ biara, monnwira ho.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na atadeɛ biara ne nwoma adeɛ biara ne adeɛ a wɔde abirekyie nwi ayɛ nyinaa ne dua adeɛ biara, monnwira ho.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na atade biara ne nhoma ade biara ne ade a wɔde abirekyi nwi ayɛ nyinaa ne dua ade nyinaa, munnwira ho.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Munnwira mo ntade ne biribiara a wɔde aboa nhoma, abirekyi nwi anaa dua ayɛ.”