Numbers 32:39 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, Makir asefoɔ a wɔfiri Manase abusuakuo mu kɔɔ Gilead kɔko dii hɔ so pamoo Amorifoɔ a saa ɛberɛ no na wɔte hɔ no nyinaa.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Manase ba Makir mma sii mu kɔɔ Gilead kɔfae, na wɔpamm Amorifoɔ a wɔwɔ hɔ no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Manase ba Makir mma sii mu kɔɔ Gilead kɔfae, na wɔpamm Amorifoɔ a wɔwɔ hɔ no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Manase ba Makir mma siim kɔɔ Gilead kɔfae, na wɔpam Amorifo a wɔwɔ hɔ no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Makir asefo a wofi Manase abusuakuw mu kɔɔ Gilead kɔko dii hɔ so pam Amorifo a saa bere no na wɔte hɔ no nyinaa.