Numbers 35:25 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ wɔsi gyinaeɛ sɛ ɛyɛ nkwanhyia a, nnipa no bɛgye owudifoɔ no afiri ɔweretɔfoɔ no nsam. Wɔbɛma owudifoɔ no atena Dwanekɔbea Kuro no mu hɔ ara akɔsi sɛ ɔsɔfopanin bɛwu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na asafo no nyi onipakumfoɔ no mfiri mogya ho weretɔfoɔ no nsam, na asafo no mfa no nsane nkɔ ne dwanekɔbea kuro a ɔdwane kɔɔ mu no mu, na ɔnkɔtena hɔ nkɔsi sɛ ɔsɔfo panin a wɔasra no sra ngo kronkron no bɛwuo.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na asafo no nyi onipakumfoɔ no mfiri mogya ho weretɔfoɔ no nsam, na asafo no mfa no nsane nkɔ ne dwanekɔbea kuro a ɔdwane kɔɔ mu no mu, na ɔnkɔtena hɔ nkɔsi sɛ ɔsɔfo panin a wɔasra no sra ngo kronkron no bɛwuo.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na asafo no nyi onipakumfo no mfi mogya ho werefo no nsam, na asafo no mfa no nsan nkɔ ne guankɔbea kurow a oguan kɔɔ mu no mu, na ɔnkɔtena hɔ nkosi sɛ ɔsɔfo panyin a wɔasra no ɔsra ngo kronkron no bewu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɛsɛ sɛ bagua no bɔ nea ne nsa apa no ho ban fi ɔweretɔni no nsam na wɔde nea ne nsa apa no san kɔ guankɔbea kuropɔn a oguan kɔɔ mu no mu. Ɛsɛ sɛ nea ne nsa apa no tena hɔ ara kosi sɛ ɔsɔfopanyin a wɔsraa no ngo bewu.