Numbers 35:5 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Monsusu anammɔn mpensa mfiri kuro no afasuo no ho wɔ nʼafanan nyinaa. Yei bɛyɛ adidibea kɛseɛ ama nkuro no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na monsusu kuro no akyi apueeɛ fam basafa apem ne anafoɔ fam basafa apem ne atɔeɛ fam basafa apem ne atifi fam basafa apem, na kuro no nna ntam. Yei ne nkuro no ho mmoa adidibea nsase a ɛnyɛ wɔn dea.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na monsusu kuro no akyi apueeɛ fam basafa apem ne anafoɔ fam basafa apem ne atɔeɛ fam basafa apem ne atifi fam basafa apem, na kuro no nna ntam. Yei ne nkuro no ho mmoa adidibea nsase a ɛnyɛ wɔn dea.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na munsusuw kurow no akyi apuei fam basafa apem, ne anafo fam basafa apem, ne atɔe fam basafa apem, ne atifi fam basafa apem, na kurow no nna ntam: eyi ne nkurow no ho mfikyisaase a ɛnyɛ wɔn dea.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Munsusuw anammɔn mpensa mfi kurow no afasu no ho wɔ nʼafanan nyinaa. Eyi bɛyɛ mmoa adidibea kɛse ama nkurow no.