Numbers 35:8 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Saa nkuro yi bɛfiri Israelfoɔ no agyapadeɛ mu. Mmusuakuo no mu akɛseɛ bɛma Lewifoɔ no nkuro bebree na mmusuakuo nketewa no ama kakraa. Abusuakuo biara bɛma sɛdeɛ nʼagyapadeɛ kɛseɛ teɛ.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na nkuro a mogye firi Israelfoɔ no agyapadeɛ mu ma Lewifoɔ no, wɔn a wɔn deɛ dɔɔso no, wɔn hɔ na monnye pii, na wɔn a wɔn deɛ sua no, monnye wɔn hɔ kakraa bi. Obiara sɛdeɛ n’agyapadeɛ a wanya no dodoɔ teɛ no na ɔmfa ne nkuro no bi mma Lewifoɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na nkuro a mogye firi Israelfoɔ no agyapadeɛ mu ma Lewifoɔ no, wɔn a wɔn deɛ dɔɔso no, wɔn hɔ na monnye pii, na wɔn a wɔn deɛ sua no, monnye wɔn hɔ kakraa bi. Obiara sɛdeɛ n’agyapadeɛ a wanya no dodoɔ teɛ no na ɔmfa ne nkuro no bi mma Lewifoɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na nkurow a mugye fi Israelfo agyapade mu ma Lewifo no, wɔn a wɔn de dɔɔso no, wɔn hɔ na munnye pii, na wɔn a wɔn de sua no, munnye wɔn hɔ kakra; obiara sɛnea n'agyapade a wanya no dodow te no na ɔmfa ne nkurow no bi mma Lewifo.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Saa nkurow yi befi Israelfo no agyapade mu. Mmusuakuw no mu akɛse bɛma Lewifo no nkurow bebree na mmusuakuw nketewa no ama kakraa bi. Abusuakuw biara bɛma sɛnea nʼagyapade kɛse te.”