Numbers 36:13 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yei ne mmara ne nhyehyɛeɛ a Awurade nam Mose so de maa Israelfoɔ ɛberɛ a wɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Moab tata so so, wɔ Asubɔnten Yordan a ɛne Yeriko di nhwɛanimu no ho.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Yeinom ne mmara nsɛm ne atemmudeɛ a AWURADE nam Mose so hyɛɛ Israelfoɔ wɔ Moab mpaperɛ so Yordan fa a ɛbɛn Yeriko no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Yeinom ne mmara nsɛm ne atemmudeɛ a AWURADE nam Mose so hyɛɛ Israelfoɔ wɔ Moab mpaperɛ so Yordan fa a ɛbɛn Yeriko no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Eyinom ne mmara nsɛm ne atemmude a AWURADE nam Mose so hyɛɛ Israelfo wɔ Moab tataw so, Yordan fa a ɛbɛn Yeriko no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Eyinom ne mmara ne nhyehyɛe a Awurade nam Mose so de maa Israelfo wɔ Moab tataw so no, wɔ Asubɔnten Yordan a na wɔafi Yeriko atwa no.