Numbers 36:6 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Awurade ɔhyɛ nsɛm a ɛfa Selofehad mmammaa no ho no nie: wɔtumi ware ɔbarima biara a wɔpɛ a ɔfiri wɔn agya abusuakuo mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Yei ne deɛ AWURADE ahyɛ wɔ Selofehad mmammaa no ho: Obiara a wɔsusu sɛ ɔyɛ no, wɔnware no; nanso wɔn nananom abusuakuo mu abusua bi mu nko na wɔnwareɛ;
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Yei ne deɛ AWURADE ahyɛ wɔ Selofehad mmammaa no ho: Obiara a wɔsusu sɛ ɔyɛ no, wɔnware no; nanso wɔn nananom abusuakuo mu abusua bi mu nko na wɔnwareɛ;
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Eyi ne nea AWURADE ahyɛ wɔ Selofehad mmabea no ho: Obiara a wosusuw sɛ oye no, wɔnware no, nanso wɔn agyanom abusuakuw mu abusua bi mu na wɔnware,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nea Awurade rehyɛ ama Selofehad mmabea no ni: Wotumi ware ɔbarima biara a wɔpɛ a ofi wɔn agya abusuakuw mu.