Numbers 4:16 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Aaron babarima Eleasa na ɔbɛhwɛ ngo a wɔde bɛsɔ kanea, nnuhwam, daa aduane a wɔde bɔ afɔdeɛ, ɔsra ngo ne Ahyiaeɛ Ntomadan no nyinaa so. Biribibiara a ɛwɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu no nso, ɔbɛhwɛ so.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Ɔsɔfoɔ Aaron ba Eleasa ahwɛdeɛ ne kanea ngo ne nnuhwam ne daa aduane afɔdeɛ ne sra ngo no, tenabea no nyinaa ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa so hwɛ, kronkronbea hɔ ne ɛho nnoɔma fam.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Ɔsɔfoɔ Aaron ba Eleasa ahwɛdeɛ ne kanea ngo ne nnuhwam ne daa aduane afɔdeɛ ne sra ngo no, tenabea no nyinaa ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa so hwɛ, kronkronbea hɔ ne ɛho nnoɔma fam.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔsɔfo Aaron ba Eleasar ahwɛde ne kanea ngo ne nnuhuam ne daa aduan afɔre ne ɔsra ngo no, tenabea no nyinaa ne nea ɛwɔ mu nyinaa ne kronkronbea hɔ ne ɛho nneɛma sohwɛ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Aaron babarima Eleasar a ɔyɛ ɔsɔfo no na ɔbɛhwɛ ngo a wɔde bɛsɔ kanea, nnuhuam, daa aduan a wɔde bɔ afɔre, ɔsra ngo ne Ahyiae Ntamadan no nyinaa so. Biribiara a ɛwɔ Ahyiae Ntamadan no mu no nso, ɔbɛhwɛ so.”