Numbers 4:26 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, wɔbɛsoa nkataho a ɛkata adihɔ hɔ ɔfasuo no ho no. Wɔbɛsoa ntoma a ɛtwa adihɔ hɔ ɛkwan no ano ne afɔrebukyia ne Ahyiaeɛ Ntomadan no ntam no. Wɔbɛsoa afɔrebukyia no, ntampehoma ne deɛ ɛkeka ho nyinaa. Wɔn na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ, twe yeinom nyinaa.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
ne adihɔ no ho ntwamutam ne adihɔ a ɛtwa tenabea ne afɔrebukyia no ho hyia no aboboano nkataano no ne ne ntampehoma ne ɛho adwuma ho nnoɔma nyinaa; na wɔnyɛ biribiara a ɛhia sɛ wɔyɛ no wɔ ho.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
ne adihɔ no ho ntwamutam ne adihɔ a ɛtwa tenabea ne afɔrebukyia no ho hyia no aboboano nkataano no ne ne ntampehoma ne ɛho adwuma ho nnoɔma nyinaa; na wɔnyɛ biribiara a ɛhia sɛ wɔyɛ no wɔ ho.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
ne adiwo no ho mmɔhɔɔ ne adiwo a etwa tenabea ne afɔremuka no ho hyia no abobow ano nkataano no, ne ne ntampehama ne ɛho adwuma ho nneɛma nyinaa; na wɔnyɛ ho adwuma a ehia sɛ wɔyɛ nyinaa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei, wɔbɛsoa nkataho a ɛkata adiwo hɔ fasu no ho no. Wɔbɛsoa ntama a etwa adiwo hɔ kwan no ano ne afɔremuka ne Ahyiae Ntamadan no ntam no. Wɔbɛsoa afɔremuka no, ntampehama ne nea ɛkeka ho nyinaa. Wɔn na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ twe eyinom nyinaa.