Numbers 5:19 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔbɛma no aka ntam sɛ ɔnnim asɛm no ho hwee na waka akyerɛ no sɛ, sɛ wo ne ɔbarima biara nnaeɛ ka wo kunu nko ara ho deɛ a, ɛnneɛ, wo ho nte mfiri nsuo nwononwono a ɛde mmusuo ba yi ho. Na sɛ woabɔ adwaman a, ɛnneɛ, Awurade bɛdome wo wɔ wo nkurɔfoɔ mu. Ɔbɛma wo srɛ aporɔ na wo yafunu ahono. Na ɔbaa no bɛka sɛ, ‘Aane, saa na ɛsɛ sɛ ɛba.’
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔsɔfoɔ no mma no nni nse na ɔnka nkyerɛ ɔbaa no sɛ: Sɛ ɔbarima bi ne wo nnae, na sɛ womfirii wo kunu akyiri nkɔguu wo ho fi a, wo ho bɛyɛ tɔtorɔtɔɔ afiri nsu nwononwono a ɛde nnome ba yi ho;
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔsɔfoɔ no mma no nni nse na ɔnka nkyerɛ ɔbaa no sɛ: Sɛ ɔbarima bi ne wo nnae, na sɛ womfirii wo kunu akyiri nkɔguu wo ho fi a, wo ho bɛyɛ tɔtorɔtɔɔ afiri nsu nwononwono a ɛde nnome ba yi ho;
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na ɔsɔfo no mma onni nsew, na ɔnka nkyerɛ ɔbea no sɛ: Sɛ ɔbarima bi ne wo nnae ɛ, na sɛ wumfii wo kunu akyi nkoguu wo ho fi a, wo ho bɛyɛ tɔtorɔtɔɔ afi nsu nwenenwene a ɛde nnome ba yi ho;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔbɛma no aka ntam sɛ onnim asɛm no ho hwee na waka akyerɛ no se, sɛ wo ne ɔbarima biara nnae ka wo kunu nko ara ho de a, ɛno de, wo ho ntew mfi nsu nwenweenwen a ɛde mmusu ba yi ho. Na sɛ woabɔ aguaman a, ɛno de, Awurade bɛdome wo wɔ wo nkurɔfo mu. Ɔbɛma wo srɛ aporɔw na wo yafunu ahon. Na ɔbea no bɛka se, ‘Yiw, saa na ɛsɛ sɛ ɛba.’