Numbers 6:14 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
kɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma Awurade. Ɔde odwan ba a wadi afe a ɔnnii dɛm na ɛbɛbɔ saa afɔdeɛ no. Ɛsɛ sɛ ɔde odwanbereɛ a wadi afe a ɔnnii dɛm bɔ bɔne ho afɔdeɛ na ɔde odwennini a ɔnnii dɛm bɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na ɔmfa n’ayɛyɛdeɛ mmrɛ AWURADE; odwanten ba a wadi afe a ɔdi mu baako mmɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, ne odwammereɛ baako a wadi afe a ɔdi mu nso mmɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ ne odwennini baako a ɔdi mu mmɛbɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ;
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na ɔmfa n’ayɛyɛdeɛ mmrɛ AWURADE; odwanten ba a wadi afe a ɔdi mu baako mmɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, ne odwammereɛ baako a wadi afe a ɔdi mu nso mmɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ ne odwennini baako a ɔdi mu mmɛbɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ;
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na ɔmfa n'ayɛyɛde mmrɛ AWURADE: oguanten ba a wadi afe a odi mu biako mmɛbɔ ɔhyew afɔre, ne oguammere biako a wadi afe a odi mu nso mmɛbɔ bɔne ho afɔre, ne odwennini biako a odi mu mmɛbɔ asomdwoe afɔre;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɛhɔ na ɔbɛbɔ ɔhyew afɔre ama Awurade. Ɔde oguan ba a wadi afe a onnii dɛm na ɛbɛbɔ saa afɔre no. Ɛsɛ sɛ ɔde oguammere a wadi afe a onnii dɛm bɔ bɔne ho afɔre na ɔde odwennini a onnii dɛm bɔ asomdwoe afɔre.