Numbers 6:17 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
afei, odwennini a wɔde no bɛbɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ a burodo kɛntɛnma a mmɔreka nni mu nso ka ho. Na deɛ ɛtwa toɔ a ɔde bɛba no ne aduane ne nsã afɔdeɛ a ɔde bɛma Awurade.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔmfa odwennini no mmɔ AWURADE asomdwoeɛ afɔdeɛ nka apiti kɛntɛn no ho, na ɔsɔfoɔ no mmɔ n’aduane afɔdeɛ ne n’ahwiesa afɔdeɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔmfa odwennini no mmɔ AWURADE asomdwoeɛ afɔdeɛ nka apiti kɛntɛn no ho, na ɔsɔfoɔ no mmɔ n’aduane afɔdeɛ ne n’ahwiesa afɔdeɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔmfa odwennini no mmɔ AWURADE asomdwoe afɔre mpae apiti kɛntɛn no so, na ɔsɔfo no mmɔ n'aduan afɔre ne n'ahwiesa afɔre.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɛsɛ sɛ ɔde odwennini a wɔde no bɛbɔ asomdwoe afɔre a brodo kɛntɛnma a mmɔkaw nni mu nso ka ho na ɔde abɛbɔ aduan ne nsa afɔre.