Numbers 6:9 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Sɛ obi wu tɔ ne nkyɛn de gu ne ho fi a, nnanson akyi, ɛsɛ sɛ ɔyi ne tirinwi a ɛho agu fi no. Afei, wɔbɛdwira ne ho afiri efi a owufoɔ no de aka no no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na sɛ obi kɔwu mpofirim wɔ ne nkyɛn ma ɔgu n’ahotua tiri ho fi a, ɔnyi ne tiri n’ahodwira da a ɛne da a ɛtɔ so nson no mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na sɛ obi kɔwu mpofirim wɔ ne nkyɛn ma ɔgu n’ahotua tiri ho fi a, ɔnyi ne tiri n’ahodwira da a ɛne da a ɛtɔ so nson no mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na sɛ obi kowu mpofirim wɔ ne ho afrɛso ma ogu n'ahotua ti ho fi a, onyi ne ti n'ahodwira da a ɛne da a ɛto so ason no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Sɛ obi wu tɔ ne nkyɛn de gu ne ho fi a, nnanson akyi no, ɛsɛ sɛ oyi ne tinwi a ɛho agu fi no. Afei, wobedwira ne ho afi fi a owufo no de aka no no ho.