Numbers 7:5 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Gye wɔn akyɛdeɛ no na fa nteaseɛnam no yɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no ho adwuma. Fa ma Lewifoɔ no na wɔmfa nni dwuma biara a ɛho hia wɔn.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Gye no wɔn nsam, na wɔmfa nyɛ ahyiaeɛ ntomadan no ho adwuma, na fa ma Lewifoɔ no, obiara sɛdeɛ n’adwuma teɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Gye no wɔn nsam, na wɔmfa nyɛ ahyiaeɛ ntomadan no ho adwuma, na fa ma Lewifoɔ no, obiara sɛdeɛ n’adwuma teɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Gye wɔn ayɛyɛde no, na wɔmfa nyɛ ahyiae ntamadan no ho adwuma, na fa ma Lewifo no, obiara sɛnea n'adwuma te.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Gye wɔn akyɛde no na fa nteaseɛnam no yɛ Ahyiae Ntamadan no ho adwuma. Fa ma Lewifo no na obiara mfa nni dwuma biara a ɛsɛ sɛ odi.”