Numbers 7:85 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ne nyinaa mu, na dwetɛ nneɛma no nyinaa kari bɛyɛ kilogram aduasa. Na prɛte biara kari kilogram baako ne fa, na dwetɛ kyɛnsee no nso kari kilogram baako.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ayowa no baako yɛ nnwetɛbena ɔha aduasa, na koraa baako yɛ aduɔson, na nnoɔma yi dwetɛ nyinaa ano si nnwetɛbena mpennu ahanan, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ;
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ayowa no baako yɛ nnwetɛbena ɔha aduasa, na koraa baako yɛ aduɔson, na nnoɔma yi dwetɛ nyinaa ano si nnwetɛbena mpennu ahanan, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ;
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
asanka no biako yɛ nnwetɛbona ɔha aduasa, na kora biako yɛ aduɔsɔn, na nneɛma yi dwetɛ nyinaa ano si nnwetɛbona mpennu ahannan, sɛnea kronkronbea dwetɛbona te;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ne nyinaa mu, na dwetɛ nneɛma no kari bɛyɛ kilogram aduasa, na prɛte biara kari bɛyɛ kilogram baako ne fa, na hweaseammɔ no nso mu duru yɛ kilogram baako.