Numbers 8:15 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Sɛ mote wɔn ho na mofa saa ɛkwan yi so de wɔn ma me a, afei, wɔbɛdi ahyɛnfirie wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu, adi wɔn dwuma.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛno akyiri ansa na Lewifoɔ no mmra mmɛsom ahyiaeɛ ntomadan no ho. Na te wɔn ho, na him wɔn yɛ ohim afɔdeɛ,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛno akyiri ansa na Lewifoɔ no mmra mmɛsom ahyiaeɛ ntomadan no ho. Na te wɔn ho, na him wɔn yɛ ohim afɔdeɛ,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛno akyi ansa na Lewifo no mmra mmɛsom ahyiae ntamadan no ho. Na tew wɔn ho, na him wɔn yɛ ohim afɔre,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Sɛ motew wɔn ho na mofa saa kwan yi so de wɔn ma me a, afei, wobedi ahyɛmfiri wɔ Ahyiae Ntamadan no mu, adi wɔn dwuma.