Numbers 8:4 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Kaneadua no ne nhwiren a wɔde asiesie nʼase ne ne mman no nyinaa, sikakɔkɔɔ a wɔaboro na wɔde yɛeɛ. Wɔyɛɛ no sɛdeɛ Awurade kyerɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ no no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na yei ne kaneadua no yɛbea: Ɛyɛ sika a wɔaborɔ; ɛfiri n’ase kɔsi ne nhwiren soɔ, ɛyɛ sika a wɔaborɔ ara nko; sɛ nhwɛsoɔ a AWURADE maa Mose hwɛeɛ no teɛ no, saa ara na ɔyɛɛ kaneadua no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na yei ne kaneadua no yɛbea: Ɛyɛ sika a wɔaborɔ; ɛfiri n’ase kɔsi ne nhwiren soɔ, ɛyɛ sika a wɔaborɔ ara nko; sɛ nhwɛsoɔ a AWURADE maa Mose hwɛeɛ no teɛ no, saa ara na ɔyɛɛ kaneadua no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na eyi ne kaneadua no yɛbea: Ɛyɛ sika a wɔaboro; efi n'ase kosi ne nhwiren so, ɛyɛ sika a wɔaboro ara nko; sɛ nhwɛso a AWURADE de kyerɛɛ Mose no te no, saa ara na ɔyɛɛ kaneadua no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Sɛnea Wosi yɛɛ kaneadua no ni: Sikakɔkɔɔ a wɔaboro na wɔde yɛ fii nʼase kosi ne soro. Wɔyɛɛ no sɛnea Awurade kyerɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ no ara pɛ.