Numbers 9:23 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yei kyerɛ sɛ, wɔn atenaseɛbɔ ne wɔn akwantuo nyinaa gyina Awurade mmara a ɔhyɛ ma wɔn so; na biribiara a Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ no, wɔyɛeɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
AWURADE anomu asɛm so na wɔnam kyere nsraban, na AWURADE anomu asɛm so na wɔnam tuo. AWURADE ahyɛdeɛ na wɔyɛeɛ, sɛdeɛ AWURADE nam Mose so hyɛeɛ no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
AWURADE anomu asɛm so na wɔnam kyere nsraban, na AWURADE anomu asɛm so na wɔnam tuo. AWURADE ahyɛdeɛ na wɔyɛeɛ, sɛdeɛ AWURADE nam Mose so hyɛeɛ no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
AWURADE anom asɛm so na wɔnam bɔ nsra, na AWURADE anom asɛm so na wɔnam tu; AWURADE ahyɛde na wɔyɛe, sɛnea AWURADE nam Mose so hyɛe no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Eyi kyerɛ sɛ, wɔn nsrabɔ ne wɔn akwantu nyinaa gyina Awurade mmara a ɔhyɛ ma wɔn no so; na biribiara a Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ no, wɔyɛe.