Obadiah 1:17 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na ɔgyeɛ bɛba Sion bepɔ so na ɛbɛyɛ kronkron beaeɛ, na Yakob efie nsa bɛsane aka nʼagyapadeɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Sion bepɔ so deɛ, mfirimufoɔ bɛtena hɔ, na ayɛ kronkronbea, na Yakob fie bɛsane afa wɔn agyapadeɛ adi so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Sion bepɔ so deɛ, mfirimufoɔ bɛtena hɔ, na ayɛ kronkronbea, na Yakob fie bɛsane afa wɔn agyapadeɛ adi so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Sion bepɔw so de, mfimufo bɛtena hɔ, na ayɛ kronkronbea, na Yakob fi bɛfa wɔn agyapade adi so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na ogye bɛba Sion bepɔw so na ɛbɛyɛ kronkronbea, na Yakob nsa bɛsan aka nʼagyapade.