Obadiah 1:18 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yakob efie bɛyɛ ogya na Yosef efie ayɛ ogyaframa; Esau efie deɛ ɛbɛyɛ adehunu bi na wɔde ogya bɛto mu ahye no a obiara renka wɔ efie hɔ.” Deɛ Awurade seɛ nie.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Yakob fie bɛyɛ ogya, na Yosef fie ayɛ ogyaframa, na Esau fie deɛ ɛbɛyɛ nkyɛnkyɛmma, na wɔadɛre wɔn mu ahye wɔn a obiara renka mma Esau fie, ɛfiri sɛ AWURADE na waka.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Yakob fie bɛyɛ ogya, na Yosef fie ayɛ ogyaframa, na Esau fie deɛ ɛbɛyɛ nkyɛnkyɛmma, na wɔadɛre wɔn mu ahye wɔn a obiara renka mma Esau fie, ɛfiri sɛ AWURADE na waka.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Yakob fi bɛyɛ ogya, na Yosef fi ayɛ ogyaframa, na Esau fi ayɛ sakran, na wɔadɛw wɔn mu ahyew wɔn a obiara renka mma Esau fi, efisɛ AWURADE na waka.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Yakob bɛyɛ ogya na Yosef ayɛ ogyatannaa; Esau bɛyɛ adehunu bi na wɔde no bɛto ogya so ahyew no a obiara renka wɔ Esau ase.” Nea Awurade se ni.