Obadiah 1:8 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Saa ɛda no,” Awurade na ɔseɛ, “Merensɛe anyansafoɔ a ɛwɔ Edom anaa, mmarima a wɔte asɛm ase a wɔwɔ Esau mmepɔ so anaa?
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnyɛ ɛda no, na mɛsɛe anyansafoɔ afiri Edom ne nhunumu afiri Esau bepɔ soɔ? AWURADE asɛm nie.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnyɛ ɛda no, na mɛsɛe anyansafoɔ afiri Edom ne nhunumu afiri Esau bepɔ soɔ? AWURADE asɛm nie.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
So ɛnyɛ ɛda no, AWURADE asɛm ni, na mɛsɛe anyansafo afi Edom, ne nhumu afi Esau bepɔw so?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Saa da no,” Awurade na ose, “Merensɛe anyansafo a wɔwɔ Edom ana, mmarima a wɔte asɛm ase a wɔwɔ Esau mmepɔw so ana?