Obadiah 1:9 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ao Teman wʼakofoɔ bɛbɔ hu ne obiara a ɔwɔ Esau bepɔ so no, wɔbɛtwitwa mo atɔre mo ase.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Teman, wo nnɔmmarima akoma bɛtu, na wɔakum nnipa nyinaa afiri Esau bepɔ so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Teman, wo nnɔmmarima akoma bɛtu, na wɔakum nnipa nyinaa afiri Esau bepɔ so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Teman, wo nnɔmmarima bo betu, na wɔde kum atwa nnipa nyinaa afi Esau bepɔw so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Teman wʼakofo bɛbɔ hu ne obiara a ɔwɔ Esau bepɔw so no, wobetwitwa mo atɔre mo ase.