Philippians 1:18 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yei enti, na ayɛ ɛdeɛn? Ɛyɛ me anigyesɛm. Deɛ ɛhia ara ne sɛ, sɛ wɔfiri adwene pa anaa adwemmɔne mu no, Kristo ho asɛm ara na wɔka. Na yei enti mʼani gye na mɛkɔ so ama mʼani agye,
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Enti na adɛn? Akwan nyinaa mu no sɛ mpatuyɛ mu oo, sɛ wɔyɛ no nokorɛ mu oo, Kristo ho asɛm ara na wɔka; na yei mu na medi ahurisie; enti ɛdeɛn, m’ani bɛgye ara.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Enti na adɛn? Akwan nyinaa mu no sɛ mpatuyɛ mu oo, sɛ wɔyɛ no nokorɛ mu oo, Kristo ho asɛm ara na wɔka; na yei mu na medi ahurisie; enti ɛdeɛn, m’ani bɛgye ara.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Enti na adɛn? Akwan nyinaa mu no sɛ mpatuyɛ mu oo, sɛ wɔyɛ no nokwarem oo, Kristo ho asɛm ara na wɔka; na eyi mu na medi ahurusi; enti dɛn, m’ani begye ara.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Eyi nti na ayɛ dɛn? Ɛyɛ me anigyesɛm. Nea ehia ara ne sɛ, sɛ wofi adwene pa anaa adwemmɔne mu no, Kristo ho asɛm ara na wɔka. Na eyi nti mʼani gye na mɛkɔ so ama mʼani agye,