Philippians 2:7 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔdanee ne tumi kɛseɛ ne nʼanimuonyam too nkyɛn. Mmom, ɔfirii ne pɛ mu faa akoa tebea de too ne ho so, baeɛ sɛ onipa bɛyɛɛ nʼadeɛ sɛ onipa.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na mmom ɔtoo ne ho mpan faa akoa tebea too ne ho so, danee nnipa nsɛso, na sɛ ɔyɛɛ n’adeɛ faeɛ no, wɔhunuu no sɛ onipa,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na mmom ɔtoo ne ho mpan faa akoa tebea too ne ho so, danee nnipa nsɛso, na sɛ ɔyɛɛ n’adeɛ faeɛ no, wɔhunuu no sɛ onipa,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na mmom ɔpaa ne ho akyi faa akoa tebea too ne ho so dan nnipa sɛso, na sɛ ɔyɛɛ n’ade fae no, wohuu no sɛ onipa,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔdan ne tumi kɛse ne nʼanuonyam too nkyɛn. Mmom, ofii ne pɛ mu faa akoa tebea de too ne ho so, baa sɛ onipa bɛyɛɛ nʼade sɛ onipa.