Proverbs 24:12 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ woka sɛ, “Na yɛnnim yei ho hwee a,” deɛ ɔkari akoma hwɛ no nhunu anaa? Deɛ ɔbɔ wo nkwa ho ban no nnim anaa? Ɔrentua deɛ obiara ayɛ so ka anaa?
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Sɛ wose: Hwɛ, na yɛnnim yei a, deɛ ɔkari akoma no nhunu mu, na deɛ ɔkora wo kra no nnim anaa? Na ɔbɛtua onipa ka sɛdeɛ ne nneyɛɛ teɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Sɛ wose: Hwɛ, na yɛnnim yei a, deɛ ɔkari akoma no nhunu mu, na deɛ ɔkora wo kra no nnim anaa? Na ɔbɛtua onipa ka sɛdeɛ ne nneyɛɛ teɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Sɛ wuse: Hwɛ, yennim yi a, so nea ɔkari koma no nhu mu, na nea ɔkora wo kra no nnim? Na obetua onipa ka sɛ ne nneyɛe te.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ woka se, “Na yennim eyi ho hwee a,” nea ɔkari koma hwɛ no nhu ana? Nea ɔbɔ wo nkwa ho ban no nnim ana? Ɔrentua nea obiara ayɛ so ka ana?