Proverbs 26:1 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Sɛdeɛ sukyerɛmma te ahuhuro berɛ anaasɛ osutɔ te wɔ otwa berɛ no saa ara na animuonyam mfata ɔkwasea.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Sɛ ahuhuberɛ mu sukyerɛmma ne twaberɛ mu nsuo teɛ no, sɛ animuonyam mfata ɔkwasea ne no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Sɛ ahuhuberɛ mu sukyerɛmma ne twaberɛ mu nsuo teɛ no, sɛ animuonyam mfata ɔkwasea ne no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Sɛ ahohurubere mu sukyerɛma ne twabere mu su te no, sɛ anuonyam mfata ɔkwasea ne no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Sɛnea sukyerɛmma te ahuhurubere anaasɛ osu wɔ otwabere no, saa ara na anuonyam mfata ɔkwasea.