Proverbs 26:16 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔkwadwofoɔ yɛ onyansafoɔ wɔ ɔno ankasa ani so sene nnipa baason a wɔdwene asɛm ho na wɔabua.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɔkwadwofoɔ yɛ n’ani so nyansafoɔ sene nnipa baason a wɔkyerɛ adeɛ a ɛsɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɔkwadwofoɔ yɛ n’ani so nyansafoɔ sene nnipa baason a wɔkyerɛ adeɛ a ɛsɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɔkwadwofo yɛ n’ani so nyansafo sen nnipa baasɔn a wɔkyerɛ ade a ɛsɛ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔkwadwofo yɛ onyansafo wɔ ɔno ankasa ani so sen nnipa baason a wodwen asɛm ho na wɔabua.