Proverbs 27:10 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nnyaa wʼadamfo ne wʼagya adamfo mu, nkɔ wo nuabarima fie ɛberɛ a ɔhaw ato woɔ, na ɔyɔnko a ɔbɛn woɔ no yɛ sene onuabarima a ɔwɔ akyirikyiri.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Nnya w’adamfo ne w’agya adamfo, na w’amanehunu da, nhyɛne wo nua fie; wo fipamfoɔ a ɔbɛn yɛ sene onua a ɔwɔ akyirie.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Nnya w’adamfo ne w’agya adamfo, na w’amanehunu da, nhyɛne wo nua fie; wo fipamfoɔ a ɔbɛn yɛ sene onua a ɔwɔ akyirie.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Nnyaw w’adamfo ne w’agya adamfo, na w’amane da no, nhyɛn wo nua fi; wo fipamfo a ɔbɛn ye, sen onua a ɔwɔ akyiri.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nnyaa wʼadamfo ne wʼagya adamfo mu, nkɔ wo nuabarima fi bere a ɔhaw ato wo, na ɔyɔnko a ɔbɛn wo no ye sen onuabarima a ɔwɔ akyirikyiri.