Psalms 106:23 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Enti ɔkaa sɛ ɔbɛsɛe wɔn, nanso Mose a ɔyɛ deɛ wapa noɔ no sɔre gyinaa Onyankopɔn ne nnipa no ntam; ɔsrɛɛ no, dwodwoo nʼabufuo no ano sɛdeɛ ɔrensɛe wɔn.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔse anka ɔbɛsɛe wɔn, nanso Mose a ɔyii no no kɔgyinaa n’anim sii abuo no ano, sɛ ɔbɛyi n’abufuo, na wansɛe wɔn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔse anka ɔbɛsɛe wɔn, nanso Mose a ɔyii no no kɔgyinaa n’anim sii abuo no ano, sɛ ɔbɛyi n’abufuo, na wansɛe wɔn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ose anka ɔbɛsɛe wɔn, nanso Mose a oyii no no kogyinaa n’anim siw abu no ano, sɛ ɔrepam n’abufuw no, na wansɛe wɔn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Enti ɔkae se ɔbɛsɛe wɔn, nanso Mose a ɔyɛ nea wapaw no no, sɔre gyinaa Onyankopɔn ne nnipa no ntam; ɔsrɛ de dwudwoo nʼabufuwhyew no ano sɛnea ɔrensɛe wɔn.