Psalms 133:3 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛte sɛ Hermon bosuo a ɛtɔ gu Bepɔ Sion so. Ɛhɔ na Awurade ahyɛ ne nhyira, nkwa a ɛtoɔ ntwa da no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛte sɛ Hermon bosuo a ɛsiane gu Sion mmepɔ soɔ, na ɛhɔ na AWURADE ahyɛ nhyira, aane, nkwa de kɔsi daa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛte sɛ Hermon bosuo a ɛsiane gu Sion mmepɔ soɔ, na ɛhɔ na AWURADE ahyɛ nhyira, aane, nkwa de kɔsi daa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛte sɛ bosu a efi bepɔw Hermon so a esian gu Sion mmepɔw so, na ɛhɔ na AWURADE ahyɛ nhyira, Yiw nkwa a enni awiei.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɛte sɛ Hermon bosu a ɛtɔ gu Bepɔw Sion so. Ɛhɔ na Awurade ahyɛ ne nhyira, nkwa a to ntwa da no.