Psalms 141:4 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mma wɔnntwe mʼakoma nkɔ deɛ ɛyɛ bɔne ho, na ankɔyɛ deɛ amumuyɛfoɔ yɛ no bi; mma me ne abɔnefoɔ nni wɔn nnɔkɔnnɔkɔwadeɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Nkom m’akoma nkɔ nsɛmmɔne ho, sɛ me ne nnipa amumuyɛfoɔ bɛdi nsɛmmɔne, na mma mennka wɔn nnɔkɔnnɔkɔwadeɛ bi mennhwɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Nkom m’akoma nkɔ nsɛmmɔne ho, sɛ me ne nnipa amumuyɛfoɔ bɛdi nsɛmmɔne, na mma mennka wɔn nnɔkɔnnɔkɔwadeɛ bi mennhwɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Nkom me koma nkɔ asɛmmɔne ho, sɛ me ne nnipa amumɔyɛfo bedi nsɛmmɔne, na mma me kɔn nnɔ wɔn adɔkɔdɔkɔde.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mma wɔnntwe me koma nnkɔ nea ɛyɛ bɔne ho, na ankɔyɛ nea amumɔyɛfo yɛ no bi, mma me ne abɔnefo nni wɔn nnɔkɔnnɔkɔwade.