Psalms 17:1 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ao, Awurade tie me tenenee abisadeɛ; tie me sufrɛ. Yɛ aso ma me mpaeɛbɔ deɛ ɛmfiri nnaadaa anofafa mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
O AWURADE, tie asɛntenenee, wɛn w’aso ma m’abooboo, yɛ aso ma me mpaebɔ a ɛmfiri nnaadaa anofafa mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
O AWURADE, tie asɛntenenee, wɛn w’aso ma m’abooboo, yɛ aso ma me mpaebɔ a ɛmfiri nnaadaa anofafa mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
AWURADE, tie asɛntrenee, wɛn w’aso ma me nkɔmmɔ, yɛ aso ma me mpaebɔ a emfi nnaadaa anofafa mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Awurade, tie me trenee abisade; tie me sufrɛ. Yɛ aso ma me mpaebɔ; nea emfi nnaadaa anofafa mu.