Psalms 17:15 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na me deɛ, me tenenee mu, mɛhunu wʼanim; sɛ menyane na mehunu wo a, mʼakoma bɛtɔ ne yam. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Me deɛ, mɛhwɛ w’anim tenenee mu, menyane a, me ho bɛtɔ me sɛ mahu woɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Me deɛ, mɛhwɛ w’anim tenenee mu, menyane a, me ho bɛtɔ me sɛ mahu woɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Me de, mɛhwɛ w’anim trenee mu; minyan a, mehu sɛ mahu wo.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na me trenee mu, mehu wʼanim; sɛ minyan na mihu wo a me koma bɛtɔ me yam. Wɔde ma dwonkyerɛfo.