Psalms 31:11 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mʼatamfoɔ nyinaa enti, mayɛ ahohora wɔ me nnamfonom mu; nnipa a wɔnim me suro me, na wɔn a wɔhunu me mmɔntene so dwane.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
M’ahohiahiafoɔ nyinaa nti mayɛ ɔhohorafoɔ, na mayɛ me ho tefoɔ so duru, na m’amannifoɔ suro me, wɔn a mefiri adi a wɔhu me dwane me.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
M’ahohiahiafoɔ nyinaa nti mayɛ ɔhohorafoɔ, na mayɛ me ho tefoɔ so duru, na m’amannifoɔ suro me, wɔn a mefiri adi a wɔhu me dwane me.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
M’ahohiahiafo nyinaa nti mayɛ ɔhohorafo, na mayɛ me ho tefo so duru, na m’amannifo suro me, wɔn a mifi adi a wohu me guan me.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mʼatamfo nyinaa nti, mayɛ ahohora wɔ me nnamfonom mu; nnipa a wonim me suro me, na wɔn a wohu me mmɔnten so guan.