Psalms 32:9 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nyɛ sɛ ɔpɔnkɔ anaa afunumpɔnkɔ a ɔnni nteaseɛ enti wɔde nnareka ne ahoma na ɛdanedane no sɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛba wo nkyɛn.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Monnyɛ sɛ apɔnkɔ anaa mfunumupɔnkɔ a wɔnnim de, nnareka ne ɛho homa na wɔde to wɔn ano mu twe wɔn, anka wɔrentwe mmɛn wo.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Monnyɛ sɛ apɔnkɔ anaa mfunumupɔnkɔ a wɔnnim de, nnareka ne ɛho homa na wɔde to wɔn ano mu twe wɔn, anka wɔrentwe mmɛn wo.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Monnyɛ sɛ apɔnkɔ anaa mfurumpɔnkɔ a wonnim de, nnareka ne ɛho hama na wɔde to wɔn ano twe wɔn, anka wɔrentwiw mmɛn wo.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɛnyɛ sɛ ɔpɔnkɔ anaa afurumpɔnkɔ a onni ntease nti wɔde nnareka ne hama na ɛdannan no, sɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛba wo nkyɛn.