Psalms 35:14 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
mekɔɔ so twaa adwo sɛdeɛ meyɛ ma mʼadamfo anaa onuabarima. Mede awerɛhoɔ sii me ti ase te sɛ deɛ meregyam me maame.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Meyɛɛ sɛdeɛ ɔyɛ m’adamfo ne me nua, mesii me tiri ase twann sɛ obi a ɔregyam ne na.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Meyɛɛ sɛdeɛ ɔyɛ m’adamfo ne me nua, mesii me tiri ase twann sɛ obi a ɔregyam ne na.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Meyɛe sɛnea ɔyɛ m’adamfo ne me nua, misii me ti ase twann sɛ obi a ɔregyam ne na.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
mekɔɔ so twaa adwo, sɛnea meyɛ ma mʼadamfo anaa onuabarima. Mede awerɛhow sii me ti ase te sɛ nea meregyam me na.