Psalms 39:12 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Ao Awurade, tie me mpaeɛbɔ, tie me sufrɛ; nsi wʼaso wɔ me su ho Me ne wo te hɔ sɛ ɔhɔhoɔ, sɛdeɛ na mʼagyanom nyinaa teɛ no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
AWURADE, tie me mpaebɔ, na yɛ aso tie me sufrɛ. Mmua w’ano me nisuo ho, na meyɛ wo hɔhoɔ, meyɛ ɔmamfrani sɛ m’agyanom nyinaa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
AWURADE, tie me mpaebɔ, na yɛ aso tie me sufrɛ. Mmua w’ano me nisuo ho, na meyɛ wo hɔhoɔ, meyɛ ɔmamfrani sɛ m’agyanom nyinaa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
AWURADE, tie me mpaebɔ, na yɛ aso tie me sufrɛ. Mmua w’ano me nusu ho, na meyɛ wo hɔho, meyɛ ɔmamfrani sɛ m’agyanom nyinaa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“ Awurade, tie me mpaebɔ, tie me sufrɛ; nsiw wʼaso wɔ me su ho. Me ne wo te hɔ sɛ ɔnanani, sɛnea na mʼagyanom nyinaa te no.