Psalms 39:3 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mʼakoma ho dwanee no wɔ me mu na metee nka sɛ ogya redɛre wɔ me mu na afei mede me tɛkrɛma kasaeɛ sɛ:
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
M’akoma yɛɛ hyerehyere wɔ me mu, meredwendwen no, na ogya no redɛre, na mede me tɛkyerɛma mekasae.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
M’akoma yɛɛ hyerehyere wɔ me mu, meredwendwen no, na ogya no redɛre, na mede me tɛkyerɛma mekasae.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Me koma yɛɛ hyerehyere wɔ me mu, meredwennwen no, na ogya no dɛwee, na mede me tɛkrɛma mekasae.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Me koma ho guan no wɔ me mu. Midwinnwen no, ogya dɛwee; afei mede me tɛkrɛma kasae se: