Psalms 43:2 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Woyɛ Onyankopɔn, mʼabandenden. Adɛn enti na woapo me? Adɛn enti na ɛsɛ sɛ menantenante twa adwo mʼatamfoɔ nhyɛsoɔ nti?
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wone me dwane kɔtoa Nyankopɔn, adɛn nti na woto me twene? Adɛn nti na ɔtamfoɔ hyɛ a ɔhyɛ me soɔ nti memfa awerɛhoɔ mennanteɛ?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wone me dwane kɔtoa Nyankopɔn, adɛn nti na woto me twene? Adɛn nti na ɔtamfoɔ hyɛ a ɔhyɛ me soɔ nti memfa awerɛhoɔ mennanteɛ?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wone me guantoa Nyankopɔn, adɛn nti na wotow me kyene? Adɛn nti na ɔtamfo hyɛ a ɔhyɛ me so nti memfa awerɛhow mennantew?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Woyɛ Onyankopɔn, mʼabandennen. Adɛn nti na woapo me? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ menantenantew twa adwo mʼatamfo nhyɛso nti?