Psalms 45:1 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Botaeɛ bi a ɛdi mu akanyane mʼakoma ɛberɛ a merebɔ ɔhene mmrane no; me tɛkrɛma yɛ ɔtwerɛfoɔ kunini bi twerɛdua.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Asɛm pa ayɛ m’akoma ma abu so. Meka adeɛ a mayɛ a ɛfa ɔhene ho, me tɛkyerɛma yɛ ɔtwerɛfoɔ a ne nsa yɛ hare atwerɛdua.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Asɛm pa ayɛ m’akoma ma abu so. Meka adeɛ a mayɛ a ɛfa ɔhene ho, me tɛkyerɛma yɛ ɔtwerɛfoɔ a ne nsa yɛ hare atwerɛdua.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Asɛmpa ayɛ me koma ma abu so. Mɛka ade a mayɛ mama ɔhene no! Me tɛkrɛma yɛ ɔkyerɛwfo a ne nsa yɛ hare kyerɛwdua.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Botae bi a edi mu akanyan me koma bere a merebɔ ɔhene mmran no; me tɛkrɛma yɛ ɔkyerɛwfo kunini bi kyerɛwdua.