Psalms 50:16 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nanso, amumuyɛfoɔ deɛ, Onyankopɔn bisa wɔn sɛ, “Adɛn enti na moka me mmara ho asɛm na mʼapam da mo ano?
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔbɔnefoɔ deɛ, Onyankopɔn se no sɛ: Adɛn nti na woka m’ahyɛdeɛ, na wode w’ano bɔ m’apam din,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔbɔnefoɔ deɛ, Onyankopɔn se no sɛ: Adɛn nti na woka m’ahyɛdeɛ, na wode w’ano bɔ m’apam din,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔbɔnefo de, Onyankopɔn se no sɛ: Adɛn nti na woka m’ahyɛde na wode w’ano bɔ m’apam din,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nanso amumɔyɛfo de, Onyankopɔn bisa wɔn se, “Adɛn nti na moka me mmara na mʼapam da mo ano?