Psalms 50:23 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Deɛ ɔbɔ aseda afɔdeɛ no hyɛ me animuonyam, na ɔsiesie ɛkwan sɛdeɛ mɛda Onyankopɔn nkwagyeɛ adi akyerɛ no.” Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Deɛ ɔde aseda bɔ afɔdeɛ no hyɛ me animuonyam, na deɛ n’akwan teeɛ no, mɛkyerɛ no Nyankopɔn nkwagyeɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Deɛ ɔde aseda bɔ afɔdeɛ no hyɛ me animuonyam, na deɛ n’akwan teeɛ no, mɛkyerɛ no Nyankopɔn nkwagyeɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Nea ɔde aseda bɔ afɔre no hyɛ me anuonyam, na ɔbɔ ɔkwan a mekyerɛ no Nyankopɔn nkwagye wɔ so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nea ɔbɔ aseda afɔre no hyɛ me anuonyam, na osiesie kwan sɛnea mɛda Onyankopɔn nkwagye adi akyerɛ no.” Wɔde ma dwonkyerɛfo.