Psalms 55:3 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
wɔ deɛ mʼatamfoɔ reka ne sɛdeɛ amumuyɛfoɔ hwɛ me haa nti; wɔde amanehunu brɛ me; na wɔde abufuo sopa me.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
ɔtamfoɔ nne ne ɔbɔnefoɔ ahodwan nti. Na wɔbɔ mmusuo gu me so, na wɔde abufuo tane me.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
ɔtamfoɔ nne ne ɔbɔnefoɔ ahodwan nti. Na wɔbɔ mmusuo gu me so, na wɔde abufuo tane me.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
ɔtamfo nne ne abɔnefo ahoguan nti. Na wɔbɔ mmusu gu me so, na wɔde abufuw tan me.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
esiane nea me tamfo reka, esiane omumɔyɛfo ahunahuna nti; efisɛ wɔde amanehunu ba me so; na wofi wɔn abufuw mu kum me.