Psalms 56:9 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ mepɛ mmoa firi wo hɔ a, mʼatamfoɔ bɛsane wɔn akyi. Yei bɛma mahunu sɛ Onyankopɔn wɔ mʼafa.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛno na m’atamfoɔ bɛsane wɔn akyire, ɛda a mesu mefrɛ no. Yei na menim sɛ Onyankopɔn wɔ m’afa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛno na m’atamfoɔ bɛsane wɔn akyire, ɛda a mesu mefrɛ no. Yei na menim sɛ Onyankopɔn wɔ m’afa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛno na m’atamfo bɛsan wɔn akyi, ɛda a misu mefrɛ no. Eyi na minim, sɛ Onyankopɔn wɔ m’afa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ mepɛ mmoa fi wo hɔ a, mʼatamfo bɛsan wɔn akyi. Eyi bɛma mahu sɛ Onyankopɔn wɔ mʼafa.