Psalms 62:4 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔayɛ adwene sɛ wɔbɛtu me afiri me diberɛ a ɛkorɔn no so; wɔn ani gye atorɔ die ho. Wɔde wɔn ano hyira na wɔn akoma mu deɛ, wɔdome.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ampa ara, wɔatu agyina sɛ wɔbɛtu no so. Wɔpɛ atorɔdie, wɔde wɔn ano hyira, nanso wɔn mu deɛ, wɔdome.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ampa ara, wɔatu agyina sɛ wɔbɛtu no so. Wɔpɛ atorɔdie, wɔde wɔn ano hyira, nanso wɔn mu deɛ, wɔdome.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ampa ara, wɔatu agyina sɛ wobetu no so. Wɔpɛ atorodi, wɔde wɔn ano hyira, nanso wɔn mu de, wɔhyɛ nsew.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ampa, wɔayɛ adwene se wobetu no afi ne dibea a ɛkorɔn no so; wɔn ani gye atorodi ho. Wɔde wɔn ano hyira na wɔn koma mu de, wɔdome.